Hosea 13:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wɔasɛe wo, Ao Israel, ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo ɔboafoɔ.
Hosea 13:9 in English
Hosea 13:9 · Berean Standard Bible
You are destroyed, O Israel, because you are against Me— against your helper.
Context
7Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata,
mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ. 8Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu
te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma.
Mɛwe wɔn te sɛ gyata;
wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu. 9“Wɔasɛe wo, Ao Israel,
ɛfiri sɛ woasɔre atia me,
me a meyɛ wo ɔboafoɔ. 10Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he?
Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he,
wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ,
‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no? 11Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene,
na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.