Hosea 11:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me na megyegyee Efraim taataa, meturu no wɔ mʼabasa so; nanso, wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yadeɛ.
Hosea 11:3 in English
Hosea 11:3 · Berean Standard Bible
It was I who taught Ephraim * to walk, taking them in My arms, but they never realized that it was I who healed them.
Context
1“Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no,
na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ. 2Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no,
saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn.
Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,
na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ. 3Me na megyegyee Efraim taataa,
meturu no wɔ mʼabasa so;
nanso, wɔnkae sɛ
me na mesaa wɔn yadeɛ. 4Mede ayamyɛ ahoma
ne ɔdɔ dii wɔn anim;
meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu
na mekoto maa wɔn aduane diiɛ. 5“Wɔbɛsane akɔ Misraim,
na Asiria adi wɔn so,
ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.