Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.

Hosea 11:2 in English

Hosea 11:2 · Berean Standard Bible

But the more I called Israel, the farther they departed from Me.* They sacrificed to the Baals and burned incense to carved images.

Context

1“Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ. 2Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ. 3Me na megyegyee Efraim taataa, meturu no wɔ mʼabasa so; nanso, wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yadeɛ. 4Mede ayamyɛ ahoma ne ɔdɔ dii wɔn anim; meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu na mekoto maa wɔn aduane diiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.