Hebrifoɔ 5:6
Hebrews 5:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.”
Hebrews 5:6 in English
Hebrews 5:6 · Berean Standard Bible
And in another passage God says: “You are a priest forever in the order of Melchizedek.”*
Context
4Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam* sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no. 5Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,
“Woyɛ me Ba:
ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.” 6Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ,
“Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa
sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” 7Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no. 8Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.