Hebrifoɔ 5:7
Hebrews 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no.
Hebrews 5:7 in English
Hebrews 5:7 · Berean Standard Bible
During the days of Jesus’ earthly life, He offered up prayers and petitions with loud cries and tears to the One who could save Him from death, and He was heard because of His reverence.
Context
5Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,
“Woyɛ me Ba:
ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.” 6Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ,
“Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa
sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” 7Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no. 8Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ. 9Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.