Hebrifoɔ 5:9
Hebrews 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ,
Hebrews 5:9 in English
Hebrews 5:9 · Berean Standard Bible
And having been made perfect, He became the source of eternal salvation to all who obey Him
Context
7Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no. 8Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ. 9Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ, 10na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no. 11Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.