Native Bible

Hebrews 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den.

Hebrews 5:11 in English

Hebrews 5:11 · Berean Standard Bible

We have much to say about this, but it is hard to explain, because you are dull of hearing.

Context

9Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ, 10na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no. 11Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den. 12Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛre, nanso ɛsɛ sɛ monya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm firi ne ahyɛaseɛ. Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi modi aduane a ɛyɛ den, nanso nufosuo na ɛyɛ ma mo. 13Obiara a nufosuo yɛ ma no da so yɛ abadomaa a ɔnnim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.