Hebrifoɔ 2:11
Hebrews 2:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.
Hebrews 2:11 in English
Hebrews 2:11 · Berean Standard Bible
For both the One who sanctifies and those who are sanctified are of the same family. So Jesus is not ashamed to call them brothers.
Context
9Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no. 10Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu. 11Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12Ɔka sɛ,
“Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,
mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.” 13Ɔsane ka bio sɛ,
“Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.”
Na ɔno nso ka sɛ,
“Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.