Native Bible

Hebrews 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no.

Hebrews 2:9 in English

Hebrews 2:9 · Berean Standard Bible

But we see Jesus, who was made a little lower than the angels, now crowned with glory and honor because He suffered death, so that by the grace of God He might taste death for everyone.

Context

7Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ; na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire, 8sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.” Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so. 9Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no. 10Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu. 11Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.