Native Bible

Hebrews 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.” Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so.

Hebrews 2:8 in English

Hebrews 2:8 · Berean Standard Bible

and placed everything under his feet.”* When God subjected all things to him, He left nothing outside of his control. Yet at present we do not see everything subject to him.

Context

6Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no; na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho? 7Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ; na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire, 8sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.” Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so. 9Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no. 10Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.