Hebrifoɔ 2:6
Hebrews 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no; na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?
Hebrews 2:6 in English
Hebrews 2:6 · Berean Standard Bible
But somewhere it is testified in these words: “What is man that You are mindful of him, or the son of man that You care for him?
Context
4Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ. 5Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni ewiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa ewiase a yɛka ho asɛm no. 6Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ:
“Onipa ne hwan a wokae no;
na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho? 7Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ;
na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire, 8sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.”
Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.