Hebrifoɔ 2:12
Hebrews 2:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka sɛ, “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”
Hebrews 2:12 in English
Hebrews 2:12 · Berean Standard Bible
He says: “I will proclaim Your name to My brothers; I will sing Your praises in the assembly.”*
Context
10Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu. 11Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12Ɔka sɛ,
“Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,
mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.” 13Ɔsane ka bio sɛ,
“Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.”
Na ɔno nso ka sɛ,
“Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.” 14Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.