Hebrifoɔ 2:13
Hebrews 2:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsane ka bio sɛ, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka sɛ, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.”
Hebrews 2:13 in English
Hebrews 2:13 · Berean Standard Bible
And again: “I will put My trust in Him.”* And once again: “Here am I, and the children God has given Me.”*
Context
11Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12Ɔka sɛ,
“Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,
mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.” 13Ɔsane ka bio sɛ,
“Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.”
Na ɔno nso ka sɛ,
“Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.” 14Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden. 15Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane sɛ wɔsuro owuo enti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.