Habakuk 2:3
Habakkuk 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi; ɛka awieeɛ ho asɛm na ɛbɛba mu. Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn, ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu.
Habakkuk 2:3 in English
Habakkuk 2:3 · Berean Standard Bible
For the vision awaits an appointed time; it testifies of the end and does not lie. Though it lingers, wait for it, since it will surely come and will not delay.*
Context
1Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn.
Mɛbɔ nsra
na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me,
ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi. 2Afei, Awurade buaa sɛ,
“Twerɛ adiyie yi wɔ abopono so
ma emu nna hɔ pefee
ama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ. 3Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi;
ɛka awieeɛ ho asɛm
na ɛbɛba mu.
Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn,
ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. 4“Hwɛ, wama ne ho so;
nʼapɛdeɛ ntene,
nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. 5Nokorɛm, nsã ayi no ama
wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ.
Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena
na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti
ɔfom aman no nyinaa
na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.