Native Bible

Habakkuk 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nokorɛm, nsã ayi no ama wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ. Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti ɔfom aman no nyinaa na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum.

Habakkuk 2:5 in English

Habakkuk 2:5 · Berean Standard Bible

and wealth * indeed betrays him. He is an arrogant man never at rest. He enlarges his appetite like Sheol, and like Death, he is never satisfied. He gathers all the nations to himself and collects all the peoples as his own.

Context

3Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi; ɛka awieeɛ ho asɛm na ɛbɛba mu. Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn, ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. 4“Hwɛ, wama ne ho so; nʼapɛdeɛ ntene, nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. 5Nokorɛm, nsã ayi no ama wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ. Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti ɔfom aman no nyinaa na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum. 6“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ, “ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano, na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’ 7Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so. Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo na wɔbɛtwi afa wo so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.