Habakuk 2:6
Habakkuk 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ, “ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano, na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’
Habakkuk 2:6 in English
Habakkuk 2:6 · Berean Standard Bible
Will not all of these take up a taunt against him, speaking with mockery and derision: ‘Woe to him who amasses what is not his and makes himself rich with many loans! How long will this go on?’
Context
4“Hwɛ, wama ne ho so;
nʼapɛdeɛ ntene,
nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. 5Nokorɛm, nsã ayi no ama
wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ.
Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena
na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti
ɔfom aman no nyinaa
na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum. 6“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ,
“ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano,
na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!
Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’ 7Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so.
Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo
na wɔbɛtwi afa wo so. 8Esiane sɛ woafo aman bebree enti,
wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi.
Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.