Habakuk 2:16
Habakkuk 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu. Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan. Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so, Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so
Habakkuk 2:16 in English
Habakkuk 2:16 · Berean Standard Bible
You will be filled with shame instead of glory. You too must drink and expose your uncircumcision!* The cup in the LORD’s right hand will come around to you, and utter disgrace will cover your glory.
Context
14Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma,
sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no. 15“Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã,
Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro,
na afei woahwɛ wɔn adagya. 16Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu.
Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan.
Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so,
Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so 17Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,
ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu.
Woaka nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu. 18“Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu?
Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ?
Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;
na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.