Habakuk 2:15
Habakkuk 2:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã, Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro, na afei woahwɛ wɔn adagya.
Habakkuk 2:15 in English
Habakkuk 2:15 · Berean Standard Bible
Woe to him who gives drink to his neighbors, pouring it from the wineskin until they are drunk, in order to gaze at their nakedness!
Context
13Asafo Awurade ahyɛ sɛ,
nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye.
Aman no brɛ gu kwa. 14Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma,
sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no. 15“Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã,
Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro,
na afei woahwɛ wɔn adagya. 16Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu.
Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan.
Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so,
Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so 17Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,
ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu.
Woaka nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.