Habakuk 2:18
Habakkuk 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu? Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ? Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so; na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.
Habakkuk 2:18 in English
Habakkuk 2:18 · Berean Standard Bible
What use is an idol, that a craftsman should carve it— or an image, a teacher of lies? For its maker trusts in his own creation; he makes idols that cannot speak.
Context
16Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu.
Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan.
Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so,
Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so 17Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,
ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu.
Woaka nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu. 18“Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu?
Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ?
Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;
na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa. 19Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’
Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’
Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ?
Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;
nanso ahomeɛ nni mu.” 20Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu.
Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.