Native Bible

Habakkuk 2:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu. Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.

Habakkuk 2:20 in English

Habakkuk 2:20 · Berean Standard Bible

But the LORD is in His holy temple; let all the earth be silent before Him.

Context

18“Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu? Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ? Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so; na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa. 19Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’ Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’ Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ? Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho; nanso ahomeɛ nni mu.” 20Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu. Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.