1 Mose 6:9
Genesis 6:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie. Na Noa yɛ onipa teneneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.
Genesis 6:9 in English
Genesis 6:9 · Berean Standard Bible
This is the account of Noah. Noah was a righteous man, blameless in his generation; Noah walked with God.
Context
7Awurade kaa sɛ, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ me ya sɛ mebɔɔ wɔn.” 8Nanso, Noa deɛ, ɔnyaa adom Awurade anim. 9Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie.
Na Noa yɛ onipa teneneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. 10Noa woo mmammarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet. 11Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.