1 Mose 6:11
Genesis 6:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso.
Genesis 6:11 in English
Genesis 6:11 · Berean Standard Bible
Now the earth was corrupt in the sight of God, and full of violence.
Context
9Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie.
Na Noa yɛ onipa teneneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. 10Noa woo mmammarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet. 11Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso. 12Onyankopɔn hunuu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, hunuu awurukasɛm ne amumuyɛsɛm, afanan nyinaa nso. 13Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so enti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.