1 Mose 29:6
Genesis 29:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.”
Genesis 29:6 in English
Genesis 29:6 · Berean Standard Bible
“Is he well?” Jacob inquired. “Yes,” they answered, “and here comes his daughter Rachel with his sheep.”
Context
4Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?”
Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.” 5Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?”
Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.” 6Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?”
Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.” 7Yakob kaa sɛ, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.” 8Nnwanhwɛfoɔ no buaa Yakob sɛ, “Sɛ yɛmmoaboaa nnwan no nyinaa ano, na yɛmpiree ɛboɔ no mfirii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsuo nnom.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.