1 Mose 29:5
Genesis 29:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?” Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.”
Genesis 29:5 in English
Genesis 29:5 · Berean Standard Bible
“Do you know Laban the grandson of Nahor?” Jacob asked. “We know him,” they replied.
Context
3Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano. 4Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?”
Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.” 5Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?”
Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.” 6Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?”
Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.” 7Yakob kaa sɛ, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.