Native Bible

Genesis 29:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano.

Genesis 29:3 in English

Genesis 29:3 · Berean Standard Bible

When all the flocks had been gathered there, the shepherds would roll away the stone from the mouth of the well and water the sheep. Then they would return the stone to its place over the mouth of the well.

Context

1Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so. 2Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri sɛ, saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so. 3Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano. 4Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?” Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.” 5Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?” Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.