1 Mose 29:4
Genesis 29:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?” Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.”
Genesis 29:4 in English
Genesis 29:4 · Berean Standard Bible
“My brothers,” Jacob asked the shepherds, “where are you from?” “We are from Haran,” they answered.
Context
2Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri sɛ, saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so. 3Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano. 4Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?”
Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.” 5Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?”
Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.” 6Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?”
Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.