1 Mose 29:16
Genesis 29:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel.
Genesis 29:16 in English
Genesis 29:16 · Berean Standard Bible
Now Laban had two daughters; the older was named Leah, and the younger was named Rachel.
Context
14Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome. 15Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.” 16Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel. 17Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie. 18Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.