1 Mose 29:17
Genesis 29:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie.
Genesis 29:17 in English
Genesis 29:17 · Berean Standard Bible
Leah had weak eyes,* but Rachel was shapely and beautiful.
Context
15Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.” 16Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel. 17Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie. 18Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.” 19Laban kaa sɛ, “Mepene so! Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo aware mmom sene sɛ mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.