Native Bible

Genesis 29:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.”

Genesis 29:18 in English

Genesis 29:18 · Berean Standard Bible

Since Jacob loved Rachel, he answered, “I will serve you seven years for your younger daughter Rachel.”

Context

16Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel. 17Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie. 18Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.” 19Laban kaa sɛ, “Mepene so! Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo aware mmom sene sɛ mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn.” 20Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel enti, ɔsomm Laban mfeɛ nson, na wanhunu koraa sɛ, wasom akyɛre saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.