Native Bible

Genesis 29:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome.

Genesis 29:14 in English

Genesis 29:14 · Berean Standard Bible

Then Laban declared, “You are indeed my own flesh and blood.” After Jacob had stayed with him a month,

Context

12Na Yakob aka akyerɛ Rahel sɛ, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsane yɛ nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya. 13Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ. 14Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome. 15Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.” 16Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.