Native Bible

Genesis 29:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ.

Genesis 29:13 in English

Genesis 29:13 · Berean Standard Bible

When Laban heard the news about his sister’s son Jacob, he ran out to meet him. He embraced him and kissed him and brought him to his home, where Jacob told him all that had happened.

Context

11Afei, Yakob fee Rahel ano, na ɔsuiɛ. 12Na Yakob aka akyerɛ Rahel sɛ, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsane yɛ nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya. 13Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ. 14Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome. 15Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.