Native Bible

Genesis 27:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ, “Tie! Asase* kesee so na wobɛtena, na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so.

Genesis 27:39 in English

Genesis 27:39 · Berean Standard Bible

His father Isaac answered him: “Behold, your dwelling place shall be away from the richness of the land, away from the dew of heaven above.

Context

37Isak buaa Esau sɛ, “Manya de no ayɛ wo wura dada. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, ɔbɛnya afuom nnuane ne nsã foforɔ bebree. Na afei, ɛdeɛn bio na aka a mɛtumi ayɛ ama wo, me ba?” 38Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!” 39Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ, “Tie! Asase* kesee so na wobɛtena, na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so. 40Wode wo akofena na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso, daakye bi, sɛ wokentene wo ho a, wobɛfiri wo nua no som ase.” 41Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.