1 Mose 27:40
Genesis 27:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wode wo akofena na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso, daakye bi, sɛ wokentene wo ho a, wobɛfiri wo nua no som ase.”
Genesis 27:40 in English
Genesis 27:40 · Berean Standard Bible
You shall live by the sword and serve your brother. But when you rebel, you will tear his yoke from your neck.”
Context
38Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!” 39Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ,
“Tie! Asase* kesee so na wobɛtena,
na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so. 40Wode wo akofena na ɛbɛtena ase,
na woasom wo nua kumaa.
Nanso, daakye bi,
sɛ wokentene wo ho a,
wobɛfiri wo nua no som ase.” 41Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.” 42Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.