Native Bible

Genesis 27:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.”

Genesis 27:41 in English

Genesis 27:41 · Berean Standard Bible

Esau held a grudge against Jacob because of the blessing his father had given him. And Esau said in his heart, “The days of mourning for my father are at hand; then I will kill my brother Jacob.”

Context

39Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ, “Tie! Asase* kesee so na wobɛtena, na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so. 40Wode wo akofena na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso, daakye bi, sɛ wokentene wo ho a, wobɛfiri wo nua no som ase.” 41Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.” 42Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. 43Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.