Ɛsra 8:28
Ezra 8:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn.
Ezra 8:28 in English
Ezra 8:28 · Berean Standard Bible
Then I told them, “You are holy to the LORD, and these articles are holy. The silver and gold are a freewill offering to the LORD, the God of your fathers.
Context
26Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, 27sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa. 28Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. 29Monhwɛ saa agyapadeɛ yi so yie, na momfa mma asɔfoɔ mpanin, Lewifoɔ ne Israel ntuanofoɔ wɔ adekoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu wɔ Yerusalem no.” 30Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no gye too wɔn ho so sɛ, wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.