Native Bible

Ezra 8:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa.

Ezra 8:27 in English

Ezra 8:27 · Berean Standard Bible

20 gold bowls valued at 1,000 darics,* and two articles of fine polished bronze, as precious as gold.

Context

25sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ atam ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufoɔ, ne ntuanofoɔ ne Israelfoɔ de rekɔkyɛ Onyankopɔn asɔredan no so. 26Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, 27sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa. 28Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. 29Monhwɛ saa agyapadeɛ yi so yie, na momfa mma asɔfoɔ mpanin, Lewifoɔ ne Israel ntuanofoɔ wɔ adekoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu wɔ Yerusalem no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.