Ɛsra 8:26
Ezra 8:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan,
Ezra 8:26 in English
Ezra 8:26 · Berean Standard Bible
I weighed out into their hands 650 talents of silver,* articles of silver weighing 100 talents,* 100 talents of gold,*
Context
24Na meyii asɔfoɔ no ntuanofoɔ dumienu a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfoɔ afoforɔ edu a wɔka wɔn ho, 25sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ atam ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufoɔ, ne ntuanofoɔ ne Israelfoɔ de rekɔkyɛ Onyankopɔn asɔredan no so. 26Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, 27sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa. 28Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.