Native Bible

Ezekiel 7:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Ɛda no nie! Hwɛ aba! Atemmuo da no apue, abaa no afefɛ, ahantan ahanehane!

Ezekiel 7:10 in English

Ezekiel 7:10 · Berean Standard Bible

Behold, the day is here! It has come! Doom has gone out, the rod has budded, arrogance has bloomed.

Context

8Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so de awie mʼabufuo a ɛtia wo no. Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 9Merenhunu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ. 10“ ‘Ɛda no nie! Hwɛ aba! Atemmuo da no apue, abaa no afefɛ, ahantan ahanehane! 11Akakabensɛm ayɛ abaa a wɔde twe amumuyɛ aso. Nnipa no mu biara renka, nnipakuo no mu biara, ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka. 12Ɛberɛ no aso! Ɛda no aduru. Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.