Hesekiel 7:9
Ezekiel 7:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Merenhunu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ.
Ezekiel 7:9 in English
Ezekiel 7:9 · Berean Standard Bible
I will not look on you with pity, nor will I spare you, but I will punish you for your ways and for the abominations among you. Then you will know that it is I, the LORD, who strikes the blow.
Context
7Ɔsɛeɛ aduru mo,
mo a mote asase no so.
Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn;
huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ. 8Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so
de awie mʼabufuo a ɛtia wo no.
Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn,
na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 9Merenhunu wo mmɔbɔ,
na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ
ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no.
Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ. 10“ ‘Ɛda no nie!
Hwɛ aba!
Atemmuo da no apue,
abaa no afefɛ,
ahantan ahanehane! 11Akakabensɛm ayɛ abaa
a wɔde twe amumuyɛ aso.
Nnipa no mu biara renka,
nnipakuo no mu biara,
ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.