Hesekiel 7:11
Ezekiel 7:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Akakabensɛm ayɛ abaa a wɔde twe amumuyɛ aso. Nnipa no mu biara renka, nnipakuo no mu biara, ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka.
Ezekiel 7:11 in English
Ezekiel 7:11 · Berean Standard Bible
Their violence has grown into a rod to punish their wickedness.* None of them will remain: none of their multitude, none of their wealth, and nothing of value.
Context
9Merenhunu wo mmɔbɔ,
na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ
ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no.
Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ. 10“ ‘Ɛda no nie!
Hwɛ aba!
Atemmuo da no apue,
abaa no afefɛ,
ahantan ahanehane! 11Akakabensɛm ayɛ abaa
a wɔde twe amumuyɛ aso.
Nnipa no mu biara renka,
nnipakuo no mu biara,
ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka. 12Ɛberɛ no aso!
Ɛda no aduru.
Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye
anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho,
ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. 13Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase
a watɔn no bio
wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase,
Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo
no nyinaa no rensesa.
Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa
remfa ne ho nni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.