Hesekiel 43:16
Ezekiel 43:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe.
Ezekiel 43:16 in English
Ezekiel 43:16 · Berean Standard Bible
The altar hearth shall be square at its four corners, twelve cubits long and twelve cubits wide.*
Context
14Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa. 15Afɔrebukyia no wisie tokuro no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia na mmɛn ɛnan a ano hwɛ soro tuatua ho. 16Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe. 17Afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kawa a ɛyɛ nsateakwaa nkron da apa no ano na nsuka a atwa ho ahyia yɛ ɔnamɔn ne fa. Atwedeɛ a ɛkɔ afɔrebukyia no so no ani hwɛ apueeɛ fam.” 18Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, sɛ wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.