Hesekiel 43:14
Ezekiel 43:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa.
Ezekiel 43:14 in English
Ezekiel 43:14 · Berean Standard Bible
The space from the gutter on the ground to the lower ledge shall be two cubits, and the ledge one cubit wide.* The space from the smaller ledge to the larger ledge shall be four cubits, and the ledge one cubit wide.*
Context
12“Asɔredan no ho mmara nie: Asase a ɛda ho wɔ bepɔ no so nyinaa yɛ kronkron. Sei na asɔredan no ho mmara teɛ. 13“Afɔrebukyia no nsusuiɛ na ɛdidi soɔ yi. Ne nsuka mu dɔ yɛ anammɔn ne fa na ne tɛtrɛtɛ nso saa ara, na anoano hini a ɛtwa ho hyia no nso tɛtrɛtɛ bɛyɛ nsateakwaa nkron. Na yei nso ne afɔrebukyia no tentene: 14Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa. 15Afɔrebukyia no wisie tokuro no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia na mmɛn ɛnan a ano hwɛ soro tuatua ho. 16Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.