Hesekiel 43:18
Ezekiel 43:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, sɛ wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho:
Ezekiel 43:18 in English
Ezekiel 43:18 · Berean Standard Bible
Then He said to me: “Son of man, this is what the Lord GOD says: ‘These are the statutes for the altar on the day it is constructed, so that burnt offerings may be sacrificed on it and blood may be sprinkled on it:
Context
16Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe. 17Afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kawa a ɛyɛ nsateakwaa nkron da apa no ano na nsuka a atwa ho ahyia yɛ ɔnamɔn ne fa. Atwedeɛ a ɛkɔ afɔrebukyia no so no ani hwɛ apueeɛ fam.” 18Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, sɛ wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho: 19Ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ma asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ na wɔfiri Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no, sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 20Ɛsɛ sɛ wofa nantwie ba no mogya no bi na wode keka afɔrebukyia mmɛn ɛnan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɛtwɛaso ne anoano kawa a atwa ho ahyia no ho na wɔnam so ate afɔrebukyia no ho de ayɛ mpata nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.