Native Bible

Ezekiel 37:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

Ezekiel 37:10 in English

Ezekiel 37:10 · Berean Standard Bible

So I prophesied as He had commanded me, and the breath entered them, and they came to life and stood on their feet—a vast army.

Context

8Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu. 9Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’ ” 10Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara. 11Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’ 12Ɛno enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me nkurɔfoɔ, merebɛbuebue mo adamena na mayi mo afiri mu apue. Mede mo bɛsane aba Israel asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.