Native Bible

Ezekiel 37:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’ ”

Ezekiel 37:9 in English

Ezekiel 37:9 · Berean Standard Bible

Then He said to me, “Prophesy to the breath; prophesy, son of man, and tell the breath that this is what the Lord GOD says: Come from the four winds, O breath, and breathe into these slain, so that they may live!”

Context

7Ɛno enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Na megu so rehyɛ nkɔm no, ɛnne bi baeɛ, awosoɔ bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho. 8Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu. 9Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’ ” 10Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara. 11Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.