Native Bible

Ezekiel 37:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’

Ezekiel 37:11 in English

Ezekiel 37:11 · Berean Standard Bible

Then He said to me, “Son of man, these bones are the whole house of Israel. Look, they are saying, ‘Our bones are dried up, and our hope has perished; we are cut off.’

Context

9Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’ ” 10Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara. 11Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’ 12Ɛno enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me nkurɔfoɔ, merebɛbuebue mo adamena na mayi mo afiri mu apue. Mede mo bɛsane aba Israel asase so. 13Afei mo, me nkurɔfoɔ, sɛ mebuebue mo adamena na meyiyi mo firi mu a, mobɛhunu sɛ mene Awurade no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.