Hesekiel 37:8
Ezekiel 37:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu.
Ezekiel 37:8 in English
Ezekiel 37:8 · Berean Standard Bible
As I looked on, tendons appeared on them, flesh grew, and skin covered them; but there was no breath in them.
Context
6Mɛma ntini abɛsosɔ mo mu, na mede ɛnam agu mo so na mede wedeɛ akata mo so. Mede ahomeɛ bɛgu mo mu na moaba nkwa mu. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade.’ ” 7Ɛno enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Na megu so rehyɛ nkɔm no, ɛnne bi baeɛ, awosoɔ bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho. 8Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu. 9Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’ ” 10Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.