Hesekiel 28:23
Ezekiel 28:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma ɔyaredɔm aba wo so na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so. Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu, ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
Ezekiel 28:23 in English
Ezekiel 28:23 · Berean Standard Bible
I will send a plague against her and shed blood in her streets; the slain will fall within her, while the sword is against her on every side. Then they will know that I am the LORD.
Context
21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon
na mɛnya animuonyam wɔ wo mu.
Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,
ɛberɛ a mede asotwe aba wo so
na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu. 23Mɛma ɔyaredɔm aba wo so
na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so.
Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu,
ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa.
Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. 24“ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no. 25“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.