Native Bible

Ezekiel 28:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon na mɛnya animuonyam wɔ wo mu. Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede asotwe aba wo so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu.

Ezekiel 28:22 in English

Ezekiel 28:22 · Berean Standard Bible

And you are to declare that this is what the Lord GOD says: ‘Behold, I am against you, O Sidon, and I will be glorified within you. They will know that I am the LORD when I execute judgments against her and demonstrate My holiness through her.

Context

20Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon na mɛnya animuonyam wɔ wo mu. Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede asotwe aba wo so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu. 23Mɛma ɔyaredɔm aba wo so na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so. Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu, ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. 24“ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.