Native Bible

Ezekiel 28:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

Ezekiel 28:20 in English

Ezekiel 28:20 · Berean Standard Bible

Then the word of the LORD came to me, saying,

Context

18Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie agu wo kronkrommea ho fi, ɛno enti memaa ogya firii wo mu na ɛhyee wo, na mema wo danee nsõ wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim. 19Aman a na wɔnim woɔ nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho: wʼawieeɛ ayɛ ahomete na wɔrenhunu wo bio.’ ” 20Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon na mɛnya animuonyam wɔ wo mu. Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede asotwe aba wo so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.